Psalms 21

Nkonimdi ayeyi dwom

1O Awurade, ɔhene ani agye efisɛ, womaa no ahoɔden; odi ahurusi efisɛ, woma odii nkonim.
2Woama no nea ne koma pɛ; woayɛ nʼabisade.
3Wode nhyira dodow brɛɛ no bɛhyɛɛ no sikakɔkɔɔ ahenkyɛw.
4Obisaa wo nkwa, na womaa no nkwa a enni awiei.
5Esiane wo mmoa nti, nʼanuonyam so.
Woama no din ne tumi.
6Wo nhyira wɔ ne so daadaa; na ka a woka ne ho no ma odi ahurusi.
7Ɔhene no gye Otumfoɔ Awurade di, na esiane Awurade dɔ a ɔdɔ no daa nti, ɔhwɛ ne so daa.
8Ɔhene bɛkyere nʼatamfo nyinaa.
Ɔbɛkyere obiara a ɔtan no.
9Sɛ ɔba a, ɔbɛsɛe wɔn sɛ ogya a ɛredɛw.
Awurade bɛsɛe wɔn wɔ nʼabufuw mu na ogya abɛhyew wɔn.
10Ɛrenka wɔn aseni biara; ɔhene no bekunkum wɔn nyinaa.
11Wɔyɛ nhyehyɛe, sɔre tia no nanso, wɔrenni nkonim.
12Ɔbɛtow ne bɛmma akyerɛ wɔn so na wɔadan wɔn ho aguan.
13Yɛkamfo wo,
Awurade, wɔ wʼahoɔden kɛse no nti.
Yɛbɛto nnwom akamfo wo mmaninne.
Copyright information for TwiNAK